Dwom 52
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. 
 1 Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? 
Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, 
wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so? 
 2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; 
ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. 
Wo a wotwa nkontompo nko ara. 
 3 Wʼani gye bɔne ho sene papa, 
wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ. 
 4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, 
Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ! 
 5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; 
ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; 
Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so. 
 6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; 
wɔbɛsere no na wɔaka sɛ, 
 7 “Hwɛ, onipa no nie 
deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden 
na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so 
na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!” 
 8 Nanso, mete sɛ ngo dua a 
ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: 
mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so 
daa nyinaa. 
 9 Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; 
wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. 
Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim. 
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto.