Dwom 29
Dawid dwom.
1 Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,
momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
2 Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;
monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.
 
3  Awurade nne wɔ nsu no so;
anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu,
Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.
4  Awurade nne mu wɔ tumi;
Awurade nne mu wɔ anuonyam.
5  Awurade nne bubu sida;
Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete
6 Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,
na Sirion nso sɛ ɛko ba.
7  Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.
8  Awurade nne wosow sare so;
Awurade wosow Kades sare.
9  Awurade nne kyinkyim adum
na ɛma kwae yɛ kwaterekwa.
Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,
“Anuonyam nka Onyankopɔn!”
 
10  Awurade di hene wɔ nsuyiri so;
wɔasi Awurade hene afebɔɔ.
11  Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,
na ɔde asomdwoe hyira wɔn.
Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.