Dwom 134
Ɔsoroforo dwom.
1  Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade,
mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.
2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ
na monkamfo Awurade.
 
3  Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no,
mfi Sion nhyira mo.